Native Bible

Jeremiah 6:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ? Hwan na ɔbɛtie me? Wɔn aso asisi enti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔn na wɔn ani nnye ho.

Jeremiah 6:10 in English

Jeremiah 6:10 · Berean Standard Bible

To whom can I give this warning? Who will listen to me? Look, their ears are closed,* so they cannot hear. See, the word of the LORD has become offensive to them; they find no pleasure in it.

Context

8Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem, anyɛ saa a metwe me ho afiri wo ho na mama wʼasase ada mpan a obiara ntumi ntena soɔ.” 9Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yie sɛdeɛ wɔyiyi bobe mu; fa wo nsa fa mman no so bio, sɛ obi a ɔretete bobe aba.” 10Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ? Hwan na ɔbɛtie me? Wɔn aso asisi enti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔn na wɔn ani nnye ho. 11Nanso Awurade abufuhyeɛ ahyɛ me ma, na mentumi nkora so. “Hwie gu mmɔfra a wɔwɔ mmɔntene so ne mmaranteɛ a wɔahyia; ɛbɛka okunu ne ɔyere, mmasiriwa ne wɔn a onyini adoko wɔn. 12Sɛ metene me nsa wɔ wɔn a wɔte asase no so a wɔbɛdane wɔn afie ama afoforɔ, na wɔn mfuo ne wɔn yerenom bɛka ho,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.