Native Bible

Jeremiah 6:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yie sɛdeɛ wɔyiyi bobe mu; fa wo nsa fa mman no so bio, sɛ obi a ɔretete bobe aba.”

Jeremiah 6:9 in English

Jeremiah 6:9 · Berean Standard Bible

This is what the LORD of Hosts says: “Glean the remnant of Israel as thoroughly as a vine. Pass your hand once more like a grape gatherer over the branches.”

Context

7Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no, saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ. Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu; ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa. 8Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem, anyɛ saa a metwe me ho afiri wo ho na mama wʼasase ada mpan a obiara ntumi ntena soɔ.” 9Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yie sɛdeɛ wɔyiyi bobe mu; fa wo nsa fa mman no so bio, sɛ obi a ɔretete bobe aba.” 10Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ? Hwan na ɔbɛtie me? Wɔn aso asisi enti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔn na wɔn ani nnye ho. 11Nanso Awurade abufuhyeɛ ahyɛ me ma, na mentumi nkora so. “Hwie gu mmɔfra a wɔwɔ mmɔntene so ne mmaranteɛ a wɔahyia; ɛbɛka okunu ne ɔyere, mmasiriwa ne wɔn a onyini adoko wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.