Native Bible

Jeremiah 6:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no, saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ. Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu; ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa.

Jeremiah 6:7 in English

Jeremiah 6:7 · Berean Standard Bible

As a well gushes its water, so she pours out her evil. Violence and destruction resound in her; sickness and wounds are ever before Me.

Context

5Enti, monsɔre momma yɛnkɔto nhyɛ ne so anadwo na yɛnsɛe nʼaban hodoɔ!” 6Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Montwitwa nnua no ngu fam na monsisi epie ntia Yerusalem. Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso; nhyɛsoɔ ahyɛ no ma. 7Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no, saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ. Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu; ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa. 8Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem, anyɛ saa a metwe me ho afiri wo ho na mama wʼasase ada mpan a obiara ntumi ntena soɔ.” 9Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yie sɛdeɛ wɔyiyi bobe mu; fa wo nsa fa mman no so bio, sɛ obi a ɔretete bobe aba.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.