Yeremia 6:19
Jeremiah 6:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛ aso, Ao asase: Mede amanehunu reba saa nnipa yi so, wɔn nneyɛɛ so aba, ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm na wɔapo me mmara.
Jeremiah 6:19 in English
Jeremiah 6:19 · Berean Standard Bible
Hear, O earth! I am bringing disaster on this people, the fruit of their own schemes, because they have paid no attention to My word and have rejected My instruction.
Context
17Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ,
‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’
Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’ 18Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman;
monhwɛ, Ao adansefoɔ,
deɛ ɛbɛto wɔn. 19Yɛ aso, Ao asase:
Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,
wɔn nneyɛɛ so aba,
ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm
na wɔapo me mmara. 20Nnuhwam a ɛfiri Seba
anaa ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?
Mennye wo hyeɛ afɔdeɛ no nto mu;
wʼafɔrebɔ ahodoɔ no nsɔ mʼani.” 21Ɛno enti, deɛ Awurade seɛ nie:
“Mede akwansideɛ bɛgu saa nkurɔfoɔ yi anim.
Agyanom ne mmammarima nyinaa bɛsuntisunti wɔ so;
ayɔnkofoɔ ne nnamfonom bɛyera.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.