Yeremia 6:17
Jeremiah 6:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ, ‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’ Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’
Jeremiah 6:17 in English
Jeremiah 6:17 · Berean Standard Bible
I appointed watchmen over you and said, ‘Listen for the sound of the ram’s horn.’ But they answered, ‘We will not listen!’
Context
15Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?
Dabi, wɔn ani nnwu koraa;
wɔnnim fɛreɛ mpo.
Enti sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;
wɔbɛhwehwe ase,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 16Yei ne deɛ Awurade seɛ,
“Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ;
mommisa tete akwan no,
mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so,
na mobɛnya homeɛ ama mo akra.
Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’ 17Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ,
‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’
Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’ 18Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman;
monhwɛ, Ao adansefoɔ,
deɛ ɛbɛto wɔn. 19Yɛ aso, Ao asase:
Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,
wɔn nneyɛɛ so aba,
ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm
na wɔapo me mmara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.