Native Bible

Jeremiah 6:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ; mommisa tete akwan no, mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so, na mobɛnya homeɛ ama mo akra. Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’

Jeremiah 6:16 in English

Jeremiah 6:16 · Berean Standard Bible

This is what the LORD says: “Stand at the crossroads and look. Ask for the ancient paths: ‘Where is the good way?’ Then walk in it, and you will find rest for your souls. But they said, ‘We will not walk in it!’

Context

14Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ’ wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ. 15Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; wɔbɛhwehwe ase,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 16Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ; mommisa tete akwan no, mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so, na mobɛnya homeɛ ama mo akra. Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’ 17Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ, ‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’ Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’ 18Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman; monhwɛ, Ao adansefoɔ, deɛ ɛbɛto wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.