Yeremia 6:14
Jeremiah 6:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ’ wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.
Jeremiah 6:14 in English
Jeremiah 6:14 · Berean Standard Bible
They dress the wound of My people with very little care, saying, ‘Peace, peace,’ when there is no peace at all.
Context
12Sɛ metene me nsa
wɔ wɔn a wɔte asase no so a
wɔbɛdane wɔn afie ama afoforɔ,
na wɔn mfuo ne wɔn yerenom bɛka ho,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 13“Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;
adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ. 14Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro
te sɛ deɛ ɛnyɛ hu.
Wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ’
wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ. 15Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?
Dabi, wɔn ani nnwu koraa;
wɔnnim fɛreɛ mpo.
Enti sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;
wɔbɛhwehwe ase,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 16Yei ne deɛ Awurade seɛ,
“Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ;
mommisa tete akwan no,
mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so,
na mobɛnya homeɛ ama mo akra.
Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.