Native Bible

Jeremiah 6:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman; monhwɛ, Ao adansefoɔ, deɛ ɛbɛto wɔn.

Jeremiah 6:18 in English

Jeremiah 6:18 · Berean Standard Bible

Therefore hear, O nations, and learn, O congregations, what will happen to them.

Context

16Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ; mommisa tete akwan no, mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so, na mobɛnya homeɛ ama mo akra. Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’ 17Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ, ‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’ Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’ 18Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman; monhwɛ, Ao adansefoɔ, deɛ ɛbɛto wɔn. 19Yɛ aso, Ao asase: Mede amanehunu reba saa nnipa yi so, wɔn nneyɛɛ so aba, ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm na wɔapo me mmara. 20Nnuhwam a ɛfiri Seba anaa ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so fa me ho bɛn? Mennye wo hyeɛ afɔdeɛ no nto mu; wʼafɔrebɔ ahodoɔ no nsɔ mʼani.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.