Native Bible

Jeremiah 6:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti, deɛ Awurade seɛ nie: “Mede akwansideɛ bɛgu saa nkurɔfoɔ yi anim. Agyanom ne mmammarima nyinaa bɛsuntisunti wɔ so; ayɔnkofoɔ ne nnamfonom bɛyera.”

Jeremiah 6:21 in English

Jeremiah 6:21 · Berean Standard Bible

Therefore this is what the LORD says: “I will lay stumbling blocks before this people; fathers and sons alike will be staggered; friends and neighbors will perish.”

Context

19Yɛ aso, Ao asase: Mede amanehunu reba saa nnipa yi so, wɔn nneyɛɛ so aba, ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm na wɔapo me mmara. 20Nnuhwam a ɛfiri Seba anaa ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so fa me ho bɛn? Mennye wo hyeɛ afɔdeɛ no nto mu; wʼafɔrebɔ ahodoɔ no nsɔ mʼani.” 21Ɛno enti, deɛ Awurade seɛ nie: “Mede akwansideɛ bɛgu saa nkurɔfoɔ yi anim. Agyanom ne mmammarima nyinaa bɛsuntisunti wɔ so; ayɔnkofoɔ ne nnamfonom bɛyera.” 22Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: “Monhwɛ, akodɔm bi reba, wɔfiri atifi fam asase so; wɔrekanyane ɔman kɛseɛ bi afiri nsase ano. 23Wɔkurakura bɛmma ne pea; wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ. Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo asorɔkye. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko. Wɔrebɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Sion.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.