Yeremia 51:54
Jeremiah 51:54 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Osu nnyegyeeɛ bi firi Babilonia, ɔsɛeɛ kɛseɛ bi nnyegyeeɛ firi Babiloniafoɔ asase so.
Jeremiah 51:54 in English
Jeremiah 51:54 · Berean Standard Bible
“The sound of a cry comes from Babylon, the sound of great destruction from the land of the Chaldeans!
Context
52“Nanso nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ,
“a mɛtwe nʼahoni aso,
na nʼasase so nyinaa
apirafoɔ bɛsi apinie. 53Sɛ Babilonia kɔka ɔsoro mpo,
na ɔmiamia nʼaban tenten banbɔ mu a,
mɛsoma ɔsɛefoɔ abɛtia no,”
Awurade na ɔseɛ. 54“Osu nnyegyeeɛ bi firi Babilonia,
ɔsɛeɛ kɛseɛ bi nnyegyeeɛ
firi Babiloniafoɔ asase so. 55Awurade bɛsɛe Babilonia;
ɔbɛma nʼasotuatua nnyegyeeɛ no agyae.
Atamfoɔ a wɔte sɛ ahum bɛtu sɛ nsuo akɛseɛ aba ne so;
wɔn mmobom bɛgyegye. 56Ɔsɛefoɔ bi bɛba abɛtia Babilonia;
wɔbɛfa ne nnɔmmarima nnommum
na wɔbɛbubu wɔn tadua mu.
Ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu;
ɔbɛtua so ka pɛpɛɛpɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.