Native Bible

Jeremiah 51:52 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nanso nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛtwe nʼahoni aso, na nʼasase so nyinaa apirafoɔ bɛsi apinie.

Jeremiah 51:52 in English

Jeremiah 51:52 · Berean Standard Bible

“Therefore, behold, the days are coming,” declares the LORD, “when I will punish her idols, and throughout her land the wounded will groan.

Context

50Mo a mo adwane afiri akofena ano, monkɔ na monntwentwɛn mo nan ase! Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so, na monnwene Yerusalem ho.” 51“Wɔagu yɛn anim ase, ɛfiri sɛ wasopa yɛn na fɛreɛ akata yɛn anim, ɛfiri sɛ amanfrafoɔ ahyɛne Awurade efie kronkronbea ahodoɔ hɔ.” 52“Nanso nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛtwe nʼahoni aso, na nʼasase so nyinaa apirafoɔ bɛsi apinie. 53Sɛ Babilonia kɔka ɔsoro mpo, na ɔmiamia nʼaban tenten banbɔ mu a, mɛsoma ɔsɛefoɔ abɛtia no,” Awurade na ɔseɛ. 54“Osu nnyegyeeɛ bi firi Babilonia, ɔsɛeɛ kɛseɛ bi nnyegyeeɛ firi Babiloniafoɔ asase so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.