Native Bible

Jeremiah 51:50 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo a mo adwane afiri akofena ano, monkɔ na monntwentwɛn mo nan ase! Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so, na monnwene Yerusalem ho.”

Jeremiah 51:50 in English

Jeremiah 51:50 · Berean Standard Bible

You who have escaped the sword, depart and do not linger! Remember the LORD from far away, and let Jerusalem come to mind.”

Context

48Ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwo mu nyinaa de ahosɛpɛ bɛteam agu Babilonia so, ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ bɛfiri atifi fam abɛto ahyɛ ne so,” Awurade na ɔseɛ. 49“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, ɛsiane Israel atɔfoɔ enti, sɛdeɛ atɔfoɔ a wɔwɔ ewiase nyinaa ahwehwe ase ɛsiane Babilonia enti no. 50Mo a mo adwane afiri akofena ano, monkɔ na monntwentwɛn mo nan ase! Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so, na monnwene Yerusalem ho.” 51“Wɔagu yɛn anim ase, ɛfiri sɛ wasopa yɛn na fɛreɛ akata yɛn anim, ɛfiri sɛ amanfrafoɔ ahyɛne Awurade efie kronkronbea ahodoɔ hɔ.” 52“Nanso nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛtwe nʼahoni aso, na nʼasase so nyinaa apirafoɔ bɛsi apinie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.