Yeremia 51:49
Jeremiah 51:49 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, ɛsiane Israel atɔfoɔ enti, sɛdeɛ atɔfoɔ a wɔwɔ ewiase nyinaa ahwehwe ase ɛsiane Babilonia enti no.
Jeremiah 51:49 in English
Jeremiah 51:49 · Berean Standard Bible
“Babylon must fall on account of the slain of Israel, just as the slain of all the earth have fallen because of Babylon.
Context
47Na ampa ara ɛberɛ no bɛba
a mɛtwe Babilonia ahoni aso;
nʼasase no nyinaa anim bɛgu ase
na nʼatɔfoɔ nyinaa bɛhwehwe ase wɔ ne so. 48Ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwo mu nyinaa
de ahosɛpɛ bɛteam agu Babilonia so,
ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ bɛfiri atifi fam
abɛto ahyɛ ne so,”
Awurade na ɔseɛ. 49“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, ɛsiane Israel atɔfoɔ enti,
sɛdeɛ atɔfoɔ a wɔwɔ ewiase nyinaa ahwehwe ase
ɛsiane Babilonia enti no. 50Mo a mo adwane afiri akofena ano,
monkɔ na monntwentwɛn mo nan ase!
Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so,
na monnwene Yerusalem ho.” 51“Wɔagu yɛn anim ase,
ɛfiri sɛ wasopa yɛn
na fɛreɛ akata yɛn anim,
ɛfiri sɛ amanfrafoɔ ahyɛne
Awurade efie kronkronbea ahodoɔ hɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.