Yeremia 51:47
Jeremiah 51:47 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ampa ara ɛberɛ no bɛba a mɛtwe Babilonia ahoni aso; nʼasase no nyinaa anim bɛgu ase na nʼatɔfoɔ nyinaa bɛhwehwe ase wɔ ne so.
Jeremiah 51:47 in English
Jeremiah 51:47 · Berean Standard Bible
Therefore, behold, the days are coming when I will punish the idols of Babylon. Her entire land will suffer shame, and all her slain will lie fallen within her.
Context
45“Me nkurɔfoɔ, Momfiri ne mu mfi!
Montu mmirika mpere mo nkwa!
Monnwane mfiri Awurade abufuhyeɛ ano. 46Mommma mo bo ntu na monnsuro
sɛ mote atesɛm wɔ asase no so a;
atesɛm bɛba afeɛ yi na foforɔ bɛba afedan,
basabasayɛ ho atesɛm bɛba asase no so
a ɛfa sodifoɔ a wɔsɔre tia afoforɔ ho. 47Na ampa ara ɛberɛ no bɛba
a mɛtwe Babilonia ahoni aso;
nʼasase no nyinaa anim bɛgu ase
na nʼatɔfoɔ nyinaa bɛhwehwe ase wɔ ne so. 48Ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwo mu nyinaa
de ahosɛpɛ bɛteam agu Babilonia so,
ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ bɛfiri atifi fam
abɛto ahyɛ ne so,”
Awurade na ɔseɛ. 49“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, ɛsiane Israel atɔfoɔ enti,
sɛdeɛ atɔfoɔ a wɔwɔ ewiase nyinaa ahwehwe ase
ɛsiane Babilonia enti no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.