Native Bible

Jeremiah 51:45 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Me nkurɔfoɔ, Momfiri ne mu mfi! Montu mmirika mpere mo nkwa! Monnwane mfiri Awurade abufuhyeɛ ano.

Jeremiah 51:45 in English

Jeremiah 51:45 · Berean Standard Bible

Come out of her, My people!* Save your lives, each of you, from the fierce anger of the LORD.

Context

43Ne nkuro bɛda mpan. Ɛbɛyɛ anweatam a ɛso awo, asase a obiara nte soɔ, na obiara nntu ɛkwan mfa so. 44Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia na mama wape deɛ wamene agu. Amanaman no nnto santene nkɔ ne nkyɛn bio. Na Babilonia ɔfasuo bɛbubu. 45“Me nkurɔfoɔ, Momfiri ne mu mfi! Montu mmirika mpere mo nkwa! Monnwane mfiri Awurade abufuhyeɛ ano. 46Mommma mo bo ntu na monnsuro sɛ mote atesɛm wɔ asase no so a; atesɛm bɛba afeɛ yi na foforɔ bɛba afedan, basabasayɛ ho atesɛm bɛba asase no so a ɛfa sodifoɔ a wɔsɔre tia afoforɔ ho. 47Na ampa ara ɛberɛ no bɛba a mɛtwe Babilonia ahoni aso; nʼasase no nyinaa anim bɛgu ase na nʼatɔfoɔ nyinaa bɛhwehwe ase wɔ ne so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.