Native Bible

Jeremiah 51:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia na mama wape deɛ wamene agu. Amanaman no nnto santene nkɔ ne nkyɛn bio. Na Babilonia ɔfasuo bɛbubu.

Jeremiah 51:44 in English

Jeremiah 51:44 · Berean Standard Bible

I will punish Bel in Babylon. I will make him spew out what he swallowed. The nations will no longer stream to him; even the wall of Babylon will fall.

Context

42Ɛpo bɛbunkam afa Babilonia so; na nʼasorɔkye bɛkata ne so. 43Ne nkuro bɛda mpan. Ɛbɛyɛ anweatam a ɛso awo, asase a obiara nte soɔ, na obiara nntu ɛkwan mfa so. 44Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia na mama wape deɛ wamene agu. Amanaman no nnto santene nkɔ ne nkyɛn bio. Na Babilonia ɔfasuo bɛbubu. 45“Me nkurɔfoɔ, Momfiri ne mu mfi! Montu mmirika mpere mo nkwa! Monnwane mfiri Awurade abufuhyeɛ ano. 46Mommma mo bo ntu na monnsuro sɛ mote atesɛm wɔ asase no so a; atesɛm bɛba afeɛ yi na foforɔ bɛba afedan, basabasayɛ ho atesɛm bɛba asase no so a ɛfa sodifoɔ a wɔsɔre tia afoforɔ ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.