Native Bible

Jeremiah 51:56 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsɛefoɔ bi bɛba abɛtia Babilonia; wɔbɛfa ne nnɔmmarima nnommum na wɔbɛbubu wɔn tadua mu. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu; ɔbɛtua so ka pɛpɛɛpɛ.

Jeremiah 51:56 in English

Jeremiah 51:56 · Berean Standard Bible

For a destroyer is coming against her— against Babylon. Her warriors will be captured, and their bows will be broken, for the LORD is a God of retribution; He will repay in full.

Context

54“Osu nnyegyeeɛ bi firi Babilonia, ɔsɛeɛ kɛseɛ bi nnyegyeeɛ firi Babiloniafoɔ asase so. 55Awurade bɛsɛe Babilonia; ɔbɛma nʼasotuatua nnyegyeeɛ no agyae. Atamfoɔ a wɔte sɛ ahum bɛtu sɛ nsuo akɛseɛ aba ne so; wɔn mmobom bɛgyegye. 56Ɔsɛefoɔ bi bɛba abɛtia Babilonia; wɔbɛfa ne nnɔmmarima nnommum na wɔbɛbubu wɔn tadua mu. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu; ɔbɛtua so ka pɛpɛɛpɛ. 57Mɛma nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ aboro nsã, nʼamradofoɔ, ne mpanimfoɔ ne nnɔmmarima nso saa ara; wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyane,” sei na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade no seɛ. 58Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔbɛdwiri Babilonia afasuo a ɛtrɛ no agu fam na wɔbɛto nʼapono a ɛwoware no mu ogya; nnipa no ha wɔn ho kwa, ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛre mmom.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.