Native Bible

Jeremiah 51:58 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔbɛdwiri Babilonia afasuo a ɛtrɛ no agu fam na wɔbɛto nʼapono a ɛwoware no mu ogya; nnipa no ha wɔn ho kwa, ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛre mmom.”

Jeremiah 51:58 in English

Jeremiah 51:58 · Berean Standard Bible

This is what the LORD of Hosts says: “Babylon’s thick walls will be leveled, and her high gates consumed by fire. So the labor of the people will be for nothing; the nations will exhaust themselves to fuel the flames.”

Context

56Ɔsɛefoɔ bi bɛba abɛtia Babilonia; wɔbɛfa ne nnɔmmarima nnommum na wɔbɛbubu wɔn tadua mu. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu; ɔbɛtua so ka pɛpɛɛpɛ. 57Mɛma nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ aboro nsã, nʼamradofoɔ, ne mpanimfoɔ ne nnɔmmarima nso saa ara; wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyane,” sei na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade no seɛ. 58Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔbɛdwiri Babilonia afasuo a ɛtrɛ no agu fam na wɔbɛto nʼapono a ɛwoware no mu ogya; nnipa no ha wɔn ho kwa, ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛre mmom.” 59Yei ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin na ɔyɛ Maseia nana no, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedie afe a ɛtɔ so ɛnan no mu. 60Na Yeremia atwerɛ amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nwoma mmobɔeɛ so, deɛ watwerɛ a ɛfa Babilonia ho nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.