Native Bible

Jeremiah 51:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma; sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.

Jeremiah 51:18 in English

Jeremiah 51:18 · Berean Standard Bible

They are worthless, a work to be mocked. In the time of their punishment they will perish.

Context

16Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ ho na ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu. 17“Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu. 18Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma; sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera. 19Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ a nʼadedie abusuakuo ka ho bi. Asafo Awurade ne ne din. 20“Woyɛ me ko asaeɛ, mʼakodeɛ a mede kɔ ɔsa; mede wo dwerɛ amanaman, mede wo sɛe ahennie bebree,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.