Native Bible

Jeremiah 51:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu.

Jeremiah 51:17 in English

Jeremiah 51:17 · Berean Standard Bible

Every man is senseless and devoid of knowledge; every goldsmith is put to shame by his idols. For his molten images are a fraud, and there is no breath in them.

Context

15“Ɔde ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu. 16Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ ho na ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu. 17“Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu. 18Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma; sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera. 19Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ a nʼadedie abusuakuo ka ho bi. Asafo Awurade ne ne din.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.