Yeremia 51:16
Jeremiah 51:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ ho na ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu.
Jeremiah 51:16 in English
Jeremiah 51:16 · Berean Standard Bible
When He thunders, the waters in the heavens roar; He causes the clouds to rise from the ends of the earth. He generates the lightning with the rain and brings forth the wind from His storehouses.
Context
14Asafo Awurade aka ne ho ntam sɛ:
mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ,
na wɔabɔ ose wɔ wo so. 15“Ɔde ne tumi bɔɔ asase;
ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu
na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu. 16Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so;
ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano.
Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ ho
na ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu. 17“Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ;
sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti.
Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ;
wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu. 18Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma;
sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.