Native Bible

Jeremiah 51:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asafo Awurade aka ne ho ntam sɛ: mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ, na wɔabɔ ose wɔ wo so.

Jeremiah 51:14 in English

Jeremiah 51:14 · Berean Standard Bible

The LORD of Hosts has sworn by Himself: “Surely I will fill you up with men as with locusts, and they will shout in triumph over you.”

Context

12Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo! Mommia banbɔ mu, momma awɛmfoɔ no nnyinagyina. Monsiesie ahintaeɛ! Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu, deɛ wahyɛ atia Babilonia no. 13Mo a motete nsuwansuwa bebree ho na akoradeɛ abu mo so, mo awieeɛ aba, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa mo twene no. 14Asafo Awurade aka ne ho ntam sɛ: mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ, na wɔabɔ ose wɔ wo so. 15“Ɔde ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu. 16Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ ho na ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.