Yeremia 51:13
Jeremiah 51:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo a motete nsuwansuwa bebree ho na akoradeɛ abu mo so, mo awieeɛ aba, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa mo twene no.
Jeremiah 51:13 in English
Jeremiah 51:13 · Berean Standard Bible
You who dwell by many waters, rich in treasures, your end has come; the thread of your life is cut.
Context
11“Monse agyan no ano!
Momfa nkataboɔ no!
Awurade ahwanyane Mede ahemfo no,
ɛfiri sɛ ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia.
Awurade bɛtɔ were
aweretɔ ama nʼasɔrefie no. 12Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo!
Mommia banbɔ mu,
momma awɛmfoɔ no nnyinagyina.
Monsiesie ahintaeɛ!
Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu,
deɛ wahyɛ atia Babilonia no. 13Mo a motete nsuwansuwa bebree ho
na akoradeɛ abu mo so,
mo awieeɛ aba,
ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa mo twene no. 14Asafo Awurade aka ne ho ntam sɛ:
mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ,
na wɔabɔ ose wɔ wo so. 15“Ɔde ne tumi bɔɔ asase;
ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu
na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.