Native Bible

Jeremiah 51:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo! Mommia banbɔ mu, momma awɛmfoɔ no nnyinagyina. Monsiesie ahintaeɛ! Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu, deɛ wahyɛ atia Babilonia no.

Jeremiah 51:12 in English

Jeremiah 51:12 · Berean Standard Bible

Raise a banner against the walls of Babylon; post the guard; station the watchmen; prepare the ambush. For the LORD has both devised and accomplished what He spoke against the people of Babylon.

Context

10“ ‘Awurade abu yɛn bem. Mommra, momma yɛnka wɔ Sion, deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn ayɛ.’ 11“Monse agyan no ano! Momfa nkataboɔ no! Awurade ahwanyane Mede ahemfo no, ɛfiri sɛ ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia. Awurade bɛtɔ were aweretɔ ama nʼasɔrefie no. 12Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo! Mommia banbɔ mu, momma awɛmfoɔ no nnyinagyina. Monsiesie ahintaeɛ! Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu, deɛ wahyɛ atia Babilonia no. 13Mo a motete nsuwansuwa bebree ho na akoradeɛ abu mo so, mo awieeɛ aba, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa mo twene no. 14Asafo Awurade aka ne ho ntam sɛ: mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ, na wɔabɔ ose wɔ wo so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.