Yeremia 51:10
Jeremiah 51:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Awurade abu yɛn bem. Mommra, momma yɛnka wɔ Sion, deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn ayɛ.’
Jeremiah 51:10 in English
Jeremiah 51:10 · Berean Standard Bible
“The LORD has brought forth our vindication; come, let us tell in Zion what the LORD our God has accomplished.”
Context
8Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim.
Montwa ne ho agyaadwoɔ!
Mompɛ ne yea no ano aduro;
ebia ne ho bɛtɔ no. 9“ ‘Anka yɛbɛsa Babilonia yadeɛ,
nanso wɔntumi nsa no yadeɛ;
momma yɛnnya no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so,
ɛfiri sɛ nʼatemmuo aduru ɔsorosoro.
Ɛforo ɔsoro te sɛ omununkum.’ 10“ ‘Awurade abu yɛn bem.
Mommra, momma yɛnka wɔ Sion,
deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn ayɛ.’ 11“Monse agyan no ano!
Momfa nkataboɔ no!
Awurade ahwanyane Mede ahemfo no,
ɛfiri sɛ ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia.
Awurade bɛtɔ were
aweretɔ ama nʼasɔrefie no. 12Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo!
Mommia banbɔ mu,
momma awɛmfoɔ no nnyinagyina.
Monsiesie ahintaeɛ!
Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu,
deɛ wahyɛ atia Babilonia no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.