Yeremia 51:8
Jeremiah 51:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim. Montwa ne ho agyaadwoɔ! Mompɛ ne yea no ano aduro; ebia ne ho bɛtɔ no.
Jeremiah 51:8 in English
Jeremiah 51:8 · Berean Standard Bible
Suddenly Babylon has fallen and been shattered. Wail for her; get her balm for her pain; perhaps she can be healed.
Context
6“Monnwane mfiri Babilonia!
Montu mmirika mpere mo nkwa!
Mommma wɔnsɛe mo ɛsiane wɔn bɔne enti.
Awurade aweretɔberɛ aso;
ɔde deɛ ɛfata no bɛtua wɔn ka. 7Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam;
ɔmaa asase nyinaa boroo nsã.
Aman no nom ne nsã;
ɛno enti, afei, wɔabobɔ adam. 8Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim.
Montwa ne ho agyaadwoɔ!
Mompɛ ne yea no ano aduro;
ebia ne ho bɛtɔ no. 9“ ‘Anka yɛbɛsa Babilonia yadeɛ,
nanso wɔntumi nsa no yadeɛ;
momma yɛnnya no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so,
ɛfiri sɛ nʼatemmuo aduru ɔsorosoro.
Ɛforo ɔsoro te sɛ omununkum.’ 10“ ‘Awurade abu yɛn bem.
Mommra, momma yɛnka wɔ Sion,
deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn ayɛ.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.