Native Bible

Jeremiah 51:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Monnwane mfiri Babilonia! Montu mmirika mpere mo nkwa! Mommma wɔnsɛe mo ɛsiane wɔn bɔne enti. Awurade aweretɔberɛ aso; ɔde deɛ ɛfata no bɛtua wɔn ka.

Jeremiah 51:6 in English

Jeremiah 51:6 · Berean Standard Bible

Flee from Babylon! Escape with your lives! Do not be destroyed in her punishment. For this is the time of the LORD’s vengeance; He will pay her what she deserves.

Context

4Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia, a wɔapirapira yie wɔ ne mmɔntene so. 5Na Asafo Onyankopɔn Awurade, nnyaa Israel ne Yuda hɔ. Ɛwom sɛ afɔdie ahyɛ wɔn asase no so ma wɔ Israel Ɔkronkronni no anim, nanso ɔkɔ so ara yɛ wɔn Onyankopɔn. 6“Monnwane mfiri Babilonia! Montu mmirika mpere mo nkwa! Mommma wɔnsɛe mo ɛsiane wɔn bɔne enti. Awurade aweretɔberɛ aso; ɔde deɛ ɛfata no bɛtua wɔn ka. 7Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam; ɔmaa asase nyinaa boroo nsã. Aman no nom ne nsã; ɛno enti, afei, wɔabobɔ adam. 8Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim. Montwa ne ho agyaadwoɔ! Mompɛ ne yea no ano aduro; ebia ne ho bɛtɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.