Yeremia 51:4
Jeremiah 51:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia, a wɔapirapira yie wɔ ne mmɔntene so.
Jeremiah 51:4 in English
Jeremiah 51:4 · Berean Standard Bible
And they will fall slain in the land of the Chaldeans,* and pierced through in her streets.
Context
2Mɛsoma amanfrafoɔ akɔ Babilonia
sɛ wɔnkɔhuhu ne so na wɔnsɛe nʼasase;
wɔbɛtia no wɔ afanan nyinaa
wɔ nʼamanehunu da no. 3Mma agyantoni mpoma nʼagyan,
mma ɔnhyɛ ne nkataboɔ.
Mma ne mmeranteɛ mfa wɔn ho nni;
sɛe nʼakodɔm no pasaa. 4Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia,
a wɔapirapira yie wɔ ne mmɔntene so. 5Na Asafo Onyankopɔn Awurade,
nnyaa Israel ne Yuda hɔ.
Ɛwom sɛ afɔdie ahyɛ wɔn asase no so ma
wɔ Israel Ɔkronkronni no anim, nanso ɔkɔ so ara yɛ wɔn Onyankopɔn. 6“Monnwane mfiri Babilonia!
Montu mmirika mpere mo nkwa!
Mommma wɔnsɛe mo ɛsiane wɔn bɔne enti.
Awurade aweretɔberɛ aso;
ɔde deɛ ɛfata no bɛtua wɔn ka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.