Native Bible

Jeremiah 51:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Woyɛ me ko asaeɛ, mʼakodeɛ a mede kɔ ɔsa; mede wo dwerɛ amanaman, mede wo sɛe ahennie bebree,

Jeremiah 51:20 in English

Jeremiah 51:20 · Berean Standard Bible

“You are My war club, My weapon for battle. With you I shatter nations; with you I bring kingdoms to ruin.

Context

18Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma; sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera. 19Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ a nʼadedie abusuakuo ka ho bi. Asafo Awurade ne ne din. 20“Woyɛ me ko asaeɛ, mʼakodeɛ a mede kɔ ɔsa; mede wo dwerɛ amanaman, mede wo sɛe ahennie bebree, 21mede wo bobɔ apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ, teaseɛnam ne wɔn kafoɔ, 22mede wo dwerɛ mmarima ne mmaa, mede wo dwerɛ nkɔkoraa ne mmabunu, mede wo dwerɛ mmeranteɛ ne mmabaawa,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.