Yeremia 51:22
Jeremiah 51:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
mede wo dwerɛ mmarima ne mmaa, mede wo dwerɛ nkɔkoraa ne mmabunu, mede wo dwerɛ mmeranteɛ ne mmabaawa,
Jeremiah 51:22 in English
Jeremiah 51:22 · Berean Standard Bible
With you I shatter man and woman; with you I shatter the old man and the youth; with you I shatter the young man and the maiden.
Context
20“Woyɛ me ko asaeɛ,
mʼakodeɛ a mede kɔ ɔsa;
mede wo dwerɛ amanaman,
mede wo sɛe ahennie bebree, 21mede wo bobɔ apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ,
teaseɛnam ne wɔn kafoɔ, 22mede wo dwerɛ mmarima ne mmaa,
mede wo dwerɛ nkɔkoraa ne mmabunu,
mede wo dwerɛ mmeranteɛ ne mmabaawa, 23mede wo dwerɛ nnwanhwɛfoɔ ne nnwankuo,
mede wo dwerɛ akuafoɔ ne anantwie,
mede wo dwerɛ amradofoɔ ne adwumayɛfoɔ. 24“Mɛtua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomsoɔ a wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.