Native Bible

Jeremiah 50:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ mmɔntene so; wɔbɛtɔre nʼasraafoɔ nyinaa ase saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ.

Jeremiah 50:30 in English

Jeremiah 50:30 · Berean Standard Bible

Therefore, her young men will fall in the streets, and all her warriors will be silenced in that day,” declares the LORD.

Context

28Montie akobɔfoɔ ne adwanefoɔ a wɔfiri Babilonia no sɛ wɔreka wɔ Sion sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn atɔ were nʼasɔrefie ho aweretɔ. 29“Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babilonia, wɔn a wɔto agyan nyinaa. Montwa ne ho nhyia; momma obiara nnwane. Montua ne nneyɛɛ so ka; monyɛ no sɛdeɛ wayɛ. Ɛfiri sɛ, wabu Awurade animtia, Israel kronkronni no. 30Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ mmɔntene so; wɔbɛtɔre nʼasraafoɔ nyinaa ase saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ. 31“Hwɛ, mekyiri wo, Ao ɔhantanni.” Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ, “ɛfiri sɛ wo da no aduru ɛberɛ a wɔde bɛtwe wʼaso no. 32Ɔhantanni no bɛsunti na wahwe ase obiara rempagya no; mɛto ne nkuro mu ogya na ahye wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.