Yeremia 50:28
Jeremiah 50:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Montie akobɔfoɔ ne adwanefoɔ a wɔfiri Babilonia no sɛ wɔreka wɔ Sion sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn atɔ were nʼasɔrefie ho aweretɔ.
Jeremiah 50:28 in English
Jeremiah 50:28 · Berean Standard Bible
Listen to the fugitives and refugees from the land of Babylon, declaring in Zion the vengeance of the LORD our God, the vengeance for His temple.
Context
26Momfiri akyirikyiri mmra ne so.
Mommubu nʼasan no ani;
monhɔre no sie sɛ ayuo akuakuo.
Monsɛe no korakora
na monnnya no nkaeɛfoɔ biara. 27Monkunkum nʼanantwinini nyinaa;
momfa wɔn nkɔ ma wɔnkum wɔn!
Musuo nka wɔn! Ɛfiri sɛ wɔn da no aduru,
ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no. 28Montie akobɔfoɔ ne adwanefoɔ a wɔfiri Babilonia no
sɛ wɔreka wɔ Sion
sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn atɔ were
nʼasɔrefie ho aweretɔ. 29“Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babilonia,
wɔn a wɔto agyan nyinaa.
Montwa ne ho nhyia;
momma obiara nnwane.
Montua ne nneyɛɛ so ka;
monyɛ no sɛdeɛ wayɛ.
Ɛfiri sɛ, wabu Awurade animtia,
Israel kronkronni no. 30Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ mmɔntene so;
wɔbɛtɔre nʼasraafoɔ nyinaa ase saa ɛda no,”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.