Yeremia 50:26
Jeremiah 50:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momfiri akyirikyiri mmra ne so. Mommubu nʼasan no ani; monhɔre no sie sɛ ayuo akuakuo. Monsɛe no korakora na monnnya no nkaeɛfoɔ biara.
Jeremiah 50:26 in English
Jeremiah 50:26 · Berean Standard Bible
Come against her from the farthest border. Break open her granaries; pile her up like mounds of grain. Devote her to destruction; leave her no survivors.
Context
24Mesum wo afidie Ao Babilonia,
na ɛyii wo ansa na worehunu;
wɔhunu wo kyeree wo
ɛfiri sɛ woko tiaa Awurade. 25Awurade abue nʼakodeɛ akoradan
na wayi nʼabufuhyeɛ akodeɛ de apue,
ɛfiri sɛ Otumfoɔ Awurade wɔ adwuma yɛ
wɔ Babiloniafoɔ asase so. 26Momfiri akyirikyiri mmra ne so.
Mommubu nʼasan no ani;
monhɔre no sie sɛ ayuo akuakuo.
Monsɛe no korakora
na monnnya no nkaeɛfoɔ biara. 27Monkunkum nʼanantwinini nyinaa;
momfa wɔn nkɔ ma wɔnkum wɔn!
Musuo nka wɔn! Ɛfiri sɛ wɔn da no aduru,
ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no. 28Montie akobɔfoɔ ne adwanefoɔ a wɔfiri Babilonia no
sɛ wɔreka wɔ Sion
sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn atɔ were
nʼasɔrefie ho aweretɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.