Native Bible

Jeremiah 50:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade abue nʼakodeɛ akoradan na wayi nʼabufuhyeɛ akodeɛ de apue, ɛfiri sɛ Otumfoɔ Awurade wɔ adwuma yɛ wɔ Babiloniafoɔ asase so.

Jeremiah 50:25 in English

Jeremiah 50:25 · Berean Standard Bible

The LORD has opened His armory and brought out His weapons of wrath, for this is the work of the Lord GOD of Hosts in the land of the Chaldeans.

Context

23Hwɛ sɛdeɛ wɔabubu na wɔabobɔ asase nyinaa so asaeɛ! Hwɛ sɛdeɛ Babilonia ada mpan wɔ amanaman no mu! 24Mesum wo afidie Ao Babilonia, na ɛyii wo ansa na worehunu; wɔhunu wo kyeree wo ɛfiri sɛ woko tiaa Awurade. 25Awurade abue nʼakodeɛ akoradan na wayi nʼabufuhyeɛ akodeɛ de apue, ɛfiri sɛ Otumfoɔ Awurade wɔ adwuma yɛ wɔ Babiloniafoɔ asase so. 26Momfiri akyirikyiri mmra ne so. Mommubu nʼasan no ani; monhɔre no sie sɛ ayuo akuakuo. Monsɛe no korakora na monnnya no nkaeɛfoɔ biara. 27Monkunkum nʼanantwinini nyinaa; momfa wɔn nkɔ ma wɔnkum wɔn! Musuo nka wɔn! Ɛfiri sɛ wɔn da no aduru, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.