Yeremia 50:32
Jeremiah 50:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhantanni no bɛsunti na wahwe ase obiara rempagya no; mɛto ne nkuro mu ogya na ahye wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”
Jeremiah 50:32 in English
Jeremiah 50:32 · Berean Standard Bible
The arrogant one will stumble and fall with no one to pick him up. And I will kindle a fire in his cities to consume all those around him.”
Context
30Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ mmɔntene so;
wɔbɛtɔre nʼasraafoɔ nyinaa ase saa ɛda no,”
Awurade na ɔseɛ. 31“Hwɛ, mekyiri wo, Ao ɔhantanni.”
Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ,
“ɛfiri sɛ wo da no aduru
ɛberɛ a wɔde bɛtwe wʼaso no. 32Ɔhantanni no bɛsunti na wahwe ase
obiara rempagya no;
mɛto ne nkuro mu ogya
na ahye wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.” 33Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:
“Wɔhyɛ Israelfoɔ so,
na Yudafoɔ nso saa ara.
Wɔn nnommumfafoɔ no kura wɔn denden
a wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn ma wɔkɔ. 34Nanso, wɔn Gyefoɔ yɛ ɔhoɔdenfoɔ;
ne din ne Asafo Awurade.
Ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn anibereɛ so
sɛdeɛ ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so,
na wɔn a wɔte Babilonia no deɛ, wahyɛ wɔn ahometeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.