Native Bible

Jeremiah 50:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, wɔn Gyefoɔ yɛ ɔhoɔdenfoɔ; ne din ne Asafo Awurade. Ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn anibereɛ so sɛdeɛ ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so, na wɔn a wɔte Babilonia no deɛ, wahyɛ wɔn ahometeɛ.

Jeremiah 50:34 in English

Jeremiah 50:34 · Berean Standard Bible

Their Redeemer is strong; the LORD of Hosts is His name. He will fervently plead their case so that He may bring rest to the earth, but turmoil to those who live in Babylon.

Context

32Ɔhantanni no bɛsunti na wahwe ase obiara rempagya no; mɛto ne nkuro mu ogya na ahye wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.” 33Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔhyɛ Israelfoɔ so, na Yudafoɔ nso saa ara. Wɔn nnommumfafoɔ no kura wɔn denden a wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn ma wɔkɔ. 34Nanso, wɔn Gyefoɔ yɛ ɔhoɔdenfoɔ; ne din ne Asafo Awurade. Ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn anibereɛ so sɛdeɛ ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so, na wɔn a wɔte Babilonia no deɛ, wahyɛ wɔn ahometeɛ. 35“Akofena bi bɛsɔre atia Babiloniafoɔ!” Awurade na ɔseɛ. “Ɛbɛtia wɔn a wɔte Babilonia na atia nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ! 36Akofena bi bɛsɔre atia nʼadiyifoɔ atorofoɔ! Wɔbɛdane nkwaseafoɔ. Akofena bi bɛsɔre atia nʼakofoɔ! Ehu bɛhyɛ wɔn ma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.