Yeremia 50:36
Jeremiah 50:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Akofena bi bɛsɔre atia nʼadiyifoɔ atorofoɔ! Wɔbɛdane nkwaseafoɔ. Akofena bi bɛsɔre atia nʼakofoɔ! Ehu bɛhyɛ wɔn ma.
Jeremiah 50:36 in English
Jeremiah 50:36 · Berean Standard Bible
A sword is against her false prophets, and they will become fools. A sword is against her warriors, and they will be filled with terror.
Context
34Nanso, wɔn Gyefoɔ yɛ ɔhoɔdenfoɔ;
ne din ne Asafo Awurade.
Ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn anibereɛ so
sɛdeɛ ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so,
na wɔn a wɔte Babilonia no deɛ, wahyɛ wɔn ahometeɛ. 35“Akofena bi bɛsɔre atia Babiloniafoɔ!”
Awurade na ɔseɛ.
“Ɛbɛtia wɔn a wɔte Babilonia
na atia nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ! 36Akofena bi bɛsɔre atia nʼadiyifoɔ atorofoɔ!
Wɔbɛdane nkwaseafoɔ.
Akofena bi bɛsɔre atia nʼakofoɔ!
Ehu bɛhyɛ wɔn ma. 37Akofena bi bɛsɔre atia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam
ne amanfrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu nyinaa!
Wɔbɛdane mmaa.
Akofena bi bɛsɔre atia nʼademudeɛ!
Wɔbɛfom. 38Ɔweɛ wɔ ne nsuo ahodoɔ so!
Ɛbɛwewe.
Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase,
ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.