Yeremia 50:14
Jeremiah 50:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia, mo a moto agyan nyinaa. Monto no! Monnnya bɛmma biara, ɛfiri sɛ wayɛ bɔne atia Awurade.
Jeremiah 50:14 in English
Jeremiah 50:14 · Berean Standard Bible
Line up in formation around Babylon, all you who draw the bow! Shoot at her! Spare no arrows! For she has sinned against the LORD.
Context
12Wo maame ani bɛwu pa ara;
deɛ ɔwoo woɔ anim bɛgu ase.
Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu,
ɛserɛ, asase wesee ne anweatam. 13Awurade abufuo enti, obiara rentena hɔ
na ɛbɛda mpan korakora.
Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ
ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti. 14“Monnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia,
mo a moto agyan nyinaa.
Monto no! Monnnya bɛmma biara,
ɛfiri sɛ wayɛ bɔne atia Awurade. 15Monteam ntia no wɔ afanan nyinaa!
Ɔma ne nsa so, nʼaban denden bubu,
wɔdwiri nʼafasuo gu fam.
Esiane sɛ yei yɛ Awurade aweretɔ no enti,
montɔ ne so were;
monyɛ no sɛdeɛ wayɛ afoforɔ no. 16Monyi ogufoɔ mfiri Babilonia,
ɔne ɔtwafoɔ a ɔkura ne kantankrankyi wɔ ɔtwa berɛ mu no.
Esiane ɔhyɛsofoɔ no akofena enti
obiara nsane nkɔ ne nkurɔfoɔ mu,
obiara nnwane nkɔ nʼankasa asase so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.