Yeremia 50:16
Jeremiah 50:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monyi ogufoɔ mfiri Babilonia, ɔne ɔtwafoɔ a ɔkura ne kantankrankyi wɔ ɔtwa berɛ mu no. Esiane ɔhyɛsofoɔ no akofena enti obiara nsane nkɔ ne nkurɔfoɔ mu, obiara nnwane nkɔ nʼankasa asase so.
Jeremiah 50:16 in English
Jeremiah 50:16 · Berean Standard Bible
Cut off the sower from Babylon, and the one who wields the sickle at harvest time. In the face of the oppressor’s sword, each will turn to his own people, each will flee to his own land.
Context
14“Monnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia,
mo a moto agyan nyinaa.
Monto no! Monnnya bɛmma biara,
ɛfiri sɛ wayɛ bɔne atia Awurade. 15Monteam ntia no wɔ afanan nyinaa!
Ɔma ne nsa so, nʼaban denden bubu,
wɔdwiri nʼafasuo gu fam.
Esiane sɛ yei yɛ Awurade aweretɔ no enti,
montɔ ne so were;
monyɛ no sɛdeɛ wayɛ afoforɔ no. 16Monyi ogufoɔ mfiri Babilonia,
ɔne ɔtwafoɔ a ɔkura ne kantankrankyi wɔ ɔtwa berɛ mu no.
Esiane ɔhyɛsofoɔ no akofena enti
obiara nsane nkɔ ne nkurɔfoɔ mu,
obiara nnwane nkɔ nʼankasa asase so. 17“Israel yɛ nnwankuo a wɔahwete
a agyata apam wɔn.
Deɛ ɔdii ɛkan tetee ne mu
yɛ Asiriahene;
na deɛ ɔdwerɛɛ ne nnompe akyire no
yɛ Babiloniahene Nebukadnessar.” 18Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:
“Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso
sɛdeɛ metwee Asiriahene aso no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.