Native Bible

Jeremiah 50:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade abufuo enti, obiara rentena hɔ na ɛbɛda mpan korakora. Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.

Jeremiah 50:13 in English

Jeremiah 50:13 · Berean Standard Bible

Because of the wrath of the LORD, she will not be inhabited; she will become completely desolate. All who pass through Babylon will be horrified and will hiss at all her wounds.

Context

11“Esiane sɛ mo ani gye na modi ahurisie, mo a mofom mʼagyapadeɛ, sɛ mohurihuri anigyeɛ so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ ɛserɛ frɔmm mu na mosu te sɛ apɔnkɔnini enti, 12Wo maame ani bɛwu pa ara; deɛ ɔwoo woɔ anim bɛgu ase. Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu, ɛserɛ, asase wesee ne anweatam. 13Awurade abufuo enti, obiara rentena hɔ na ɛbɛda mpan korakora. Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti. 14“Monnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia, mo a moto agyan nyinaa. Monto no! Monnnya bɛmma biara, ɛfiri sɛ wayɛ bɔne atia Awurade. 15Monteam ntia no wɔ afanan nyinaa! Ɔma ne nsa so, nʼaban denden bubu, wɔdwiri nʼafasuo gu fam. Esiane sɛ yei yɛ Awurade aweretɔ no enti, montɔ ne so were; monyɛ no sɛdeɛ wayɛ afoforɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.