Native Bible

Jeremiah 50:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Esiane sɛ mo ani gye na modi ahurisie, mo a mofom mʼagyapadeɛ, sɛ mohurihuri anigyeɛ so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ ɛserɛ frɔmm mu na mosu te sɛ apɔnkɔnini enti,

Jeremiah 50:11 in English

Jeremiah 50:11 · Berean Standard Bible

“Because you rejoice, because you sing in triumph— you who plunder My inheritance— because you frolic like a heifer treading grain and neigh like stallions,

Context

9Mɛkanyane amanaman akɛseɛ nkabom afiri atifi fam asase so de wɔn abɛtia Babilonia. Wɔbɛgyinagyina wɔn afa atia no, wɔbɛfiri atifi fam ako afa no. Wɔn agyan bɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔakwadare akodie mu, wɔn a wɔmmfa nsapan nsane wɔn akyi. 10Enti wɔbɛfom Babilonia; wɔn a wɔfom no nyinaa bɛnya afodeɛ bebree,” Awurade na ɔseɛ. 11“Esiane sɛ mo ani gye na modi ahurisie, mo a mofom mʼagyapadeɛ, sɛ mohurihuri anigyeɛ so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ ɛserɛ frɔmm mu na mosu te sɛ apɔnkɔnini enti, 12Wo maame ani bɛwu pa ara; deɛ ɔwoo woɔ anim bɛgu ase. Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu, ɛserɛ, asase wesee ne anweatam. 13Awurade abufuo enti, obiara rentena hɔ na ɛbɛda mpan korakora. Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.