Yeremia 50:10
Jeremiah 50:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti wɔbɛfom Babilonia; wɔn a wɔfom no nyinaa bɛnya afodeɛ bebree,” Awurade na ɔseɛ.
Jeremiah 50:10 in English
Jeremiah 50:10 · Berean Standard Bible
Chaldea * will be plundered; all who plunder her will have their fill,” declares the LORD.
Context
8“Monnwane mfiri Babilonia;
momfiri Babiloniafoɔ asase so,
na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwankuo anim. 9Mɛkanyane amanaman akɛseɛ nkabom
afiri atifi fam asase so de wɔn abɛtia Babilonia.
Wɔbɛgyinagyina wɔn afa atia no,
wɔbɛfiri atifi fam ako afa no.
Wɔn agyan bɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔakwadare akodie mu,
wɔn a wɔmmfa nsapan nsane wɔn akyi. 10Enti wɔbɛfom Babilonia;
wɔn a wɔfom no nyinaa bɛnya afodeɛ bebree,”
Awurade na ɔseɛ. 11“Esiane sɛ mo ani gye na modi ahurisie,
mo a mofom mʼagyapadeɛ,
sɛ mohurihuri anigyeɛ so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ ɛserɛ frɔmm mu
na mosu te sɛ apɔnkɔnini enti, 12Wo maame ani bɛwu pa ara;
deɛ ɔwoo woɔ anim bɛgu ase.
Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu,
ɛserɛ, asase wesee ne anweatam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.