Yeremia 50:8
Jeremiah 50:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monnwane mfiri Babilonia; momfiri Babiloniafoɔ asase so, na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwankuo anim.
Jeremiah 50:8 in English
Jeremiah 50:8 · Berean Standard Bible
Flee from the midst of Babylon; depart from the land of the Chaldeans; be like the he-goats that lead the flock.
Context
6“Me nkurɔfoɔ ayɛ nnwan a wɔayera;
wɔn nnwanhwɛfoɔ ama wɔafom ɛkwan
ma wɔkyinkyinii mmepɔ so.
Wɔkyinkyinii bɛpɔ ne kokoɔ so
na wɔn werɛ firii wɔn ankasa homebea. 7Obiara a ɔhunuu wɔn no tetee wɔn mu;
wɔn atamfoɔ kaa sɛ, ‘Yɛn nni fɔ,
ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokorɛ didibea no,
Awurade wɔn agyanom anidasoɔ no.’ 8“Monnwane mfiri Babilonia;
momfiri Babiloniafoɔ asase so,
na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwankuo anim. 9Mɛkanyane amanaman akɛseɛ nkabom
afiri atifi fam asase so de wɔn abɛtia Babilonia.
Wɔbɛgyinagyina wɔn afa atia no,
wɔbɛfiri atifi fam ako afa no.
Wɔn agyan bɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔakwadare akodie mu,
wɔn a wɔmmfa nsapan nsane wɔn akyi. 10Enti wɔbɛfom Babilonia;
wɔn a wɔfom no nyinaa bɛnya afodeɛ bebree,”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.