Native Bible

Jeremiah 49:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nanso, akyire no, mɛsane de Amonfoɔ adenya ama wɔn,” sei na Awurade seɛ.

Jeremiah 49:6 in English

Jeremiah 49:6 · Berean Standard Bible

Yet afterward I will restore the Ammonites from captivity,*” declares the LORD.

Context

4Adɛn enti na wode wo bɔnhwa ahodoɔ hoahoa wo ho? Sɛdeɛ ɛso aba bebree enti anaa? Ao ɔbabaa a ɔnni nokorɛ, wode wo ho to wʼahonya so na woka sɛ, ‘Hwan na ɔbɛto ahyɛ me so?’ 5Mede ehu bɛba wo so; ɛbɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, Asafo Awurade no. “Wɔbɛpam mo nyinaa, na obiara remmoaboa akobɔfoɔ ano. 6“Nanso, akyire no, mɛsane de Amonfoɔ adenya ama wɔn,” sei na Awurade seɛ. 7Deɛ ɛfa Edom ho no nie: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Nyansa nni Teman bio anaa? Afutuo ayera wɔ anyansafoɔ mu anaa? Wɔn nyansa no aporɔ anaa? 8Monnane mo ho na monnwane monkɔtetɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Dedan, ɛfiri sɛ, mede amanehunu bɛba Esau so wɔ ɛberɛ a mɛtwe nʼaso no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.