Native Bible

Jeremiah 49:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɛfa Edom ho no nie: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Nyansa nni Teman bio anaa? Afutuo ayera wɔ anyansafoɔ mu anaa? Wɔn nyansa no aporɔ anaa?

Jeremiah 49:7 in English

Jeremiah 49:7 · Berean Standard Bible

Concerning Edom, this is what the LORD of Hosts says: “Is there no longer wisdom in Teman? Has counsel perished from the prudent? Has their wisdom decayed?

Context

5Mede ehu bɛba wo so; ɛbɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, Asafo Awurade no. “Wɔbɛpam mo nyinaa, na obiara remmoaboa akobɔfoɔ ano. 6“Nanso, akyire no, mɛsane de Amonfoɔ adenya ama wɔn,” sei na Awurade seɛ. 7Deɛ ɛfa Edom ho no nie: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Nyansa nni Teman bio anaa? Afutuo ayera wɔ anyansafoɔ mu anaa? Wɔn nyansa no aporɔ anaa? 8Monnane mo ho na monnwane monkɔtetɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Dedan, ɛfiri sɛ, mede amanehunu bɛba Esau so wɔ ɛberɛ a mɛtwe nʼaso no. 9Sɛ wɔn a wɔtete bobe no baa mo nkyɛn a anka wɔrennya bobe no kakra? Sɛ akorɔmfoɔ baa ɔdasuo mu a, anka wɔrenwia deɛ wɔpɛ nko ara?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.