Yeremia 49:5
Jeremiah 49:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede ehu bɛba wo so; ɛbɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, Asafo Awurade no. “Wɔbɛpam mo nyinaa, na obiara remmoaboa akobɔfoɔ ano.
Jeremiah 49:5 in English
Jeremiah 49:5 · Berean Standard Bible
Behold, I am about to bring terror upon you, declares the Lord GOD of Hosts, from all those around you. You will each be driven headlong, with no one to regather the fugitives.
Context
3“Twa adwo Ao, Hesbon, ɛfiri sɛ, wɔasɛe Ai!
Monteam Ao, mo a mowɔ Raba!
Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ;
mommɔ nnyenyen wɔ afasuo no mu,
ɛfiri sɛ Molek bɛkɔ nnommumfa mu,
ɔne nʼasɔfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ. 4Adɛn enti na wode wo bɔnhwa ahodoɔ hoahoa wo ho?
Sɛdeɛ ɛso aba bebree enti anaa?
Ao ɔbabaa a ɔnni nokorɛ,
wode wo ho to wʼahonya so na woka sɛ,
‘Hwan na ɔbɛto ahyɛ me so?’ 5Mede ehu bɛba wo so;
ɛbɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,”
Awurade na ɔseɛ, Asafo Awurade no.
“Wɔbɛpam mo nyinaa,
na obiara remmoaboa akobɔfoɔ ano. 6“Nanso, akyire no, mɛsane de Amonfoɔ adenya ama wɔn,”
sei na Awurade seɛ. 7Deɛ ɛfa Edom ho no nie:
Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:
“Nyansa nni Teman bio anaa?
Afutuo ayera wɔ anyansafoɔ mu anaa?
Wɔn nyansa no aporɔ anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.