Yeremia 48:43
Jeremiah 48:43 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo, Ao Moabfoɔ,” Awurade na ɔseɛ.
Jeremiah 48:43 in English
Jeremiah 48:43 · Berean Standard Bible
Terror and pit and snare await you, O dweller of Moab,” declares the LORD.
Context
41Wɔbɛfa Keriot nnommum
na wafa nʼaban denden no.
Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akoma
bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so. 42Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,
ɛfiri sɛ, ɔbuu Awurade animtia. 43Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo,
Ao Moabfoɔ,”
Awurade na ɔseɛ. 44“Deɛ ɔdwane deɛ ɛyɛ hu no
bɛtɔ nkomena mu,
deɛ ɔbɛforo afiri nkomena no mu no,
afidie bɛyi no;
na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,”
Awurade na ɔseɛ. 45“Hesbon nwunu ase
na adwanefoɔ no gyinagyina a wɔnni mmoa biara,
ɛfiri sɛ ogya bi atu afiri Hesbon;
ɛgyadɛreɛ bi firi Sihon mfimfini;
ɛhye Moabfoɔ moma,
ne ahohoahoafoɔ a wɔn ano yɛ den no ti kwankoraa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.