Yeremia 48:41
Jeremiah 48:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛfa Keriot nnommum na wafa nʼaban denden no. Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.
Jeremiah 48:41 in English
Jeremiah 48:41 · Berean Standard Bible
Kirioth has been taken, and the strongholds seized. In that day the heart of Moab’s warriors will be like the heart of a woman in labor.
Context
39“Hwɛ sɛdeɛ wabubuo afa! Hwɛ sɛdeɛ wɔretwa adwoɔ!
Na hwɛ sɛdeɛ Moab de aniwuo dane nʼakyi!
Moab ayɛ fɛdideɛ
ne ahodwiredeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.” 40Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ reto hoo aba fam.
Watrɛ ne ntaban mu wɔ Moab so. 41Wɔbɛfa Keriot nnommum
na wafa nʼaban denden no.
Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akoma
bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so. 42Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,
ɛfiri sɛ, ɔbuu Awurade animtia. 43Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo,
Ao Moabfoɔ,”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.