Native Bible

Jeremiah 48:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Montie osu a ɛfiri Horonaim, adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su.

Jeremiah 48:3 in English

Jeremiah 48:3 · Berean Standard Bible

A voice cries out from Horonaim: ‘Devastation and great destruction!’

Context

1Asɛm a ɛfa Moab ho no nie: Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no; wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam. 2Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ; ‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom; akofena no bɛtaa mo. 3Montie osu a ɛfiri Horonaim, adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su. 4Wɔbɛbɔ Moab: na ne mma nketewa bɛteateam. 5Wɔforo kɔ Luhit, wɔde agyaadwotwa a emu yɛ den na ɛrekɔ; ɛkwan a ɛkɔ Horonaim so no wɔte ahoyera mu agyaadwotwa wɔ adesɛeɛ no ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.