Yeremia 48:1
Jeremiah 48:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asɛm a ɛfa Moab ho no nie: Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no; wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam.
Jeremiah 48:1 in English
Jeremiah 48:1 · Berean Standard Bible
Concerning Moab, this is what the LORD of Hosts, the God of Israel, says: “Woe to Nebo, for it will be devastated. Kiriathaim will be captured and disgraced; the fortress will be shattered and dismantled.
Context
1Asɛm a ɛfa Moab ho no nie:
Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:
“Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no.
Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no;
wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam. 2Wɔrenkamfo Moab bio;
Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ;
‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’
Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom;
akofena no bɛtaa mo. 3Montie osu a ɛfiri Horonaim,
adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.